Psalms 31

Onyankopɔn mu gyidi mpaebɔ

1Mereba wo nkyɛn,
Awurade, ama woabɔ me ho ban, na mma wonnni me so nkonim.
Woyɛ Onyankopɔn treneeni.
Mesrɛ wo sɛ gye me nkwa!
2Tie me!
Gye me nkwa mprempren!
Yɛ me guankɔbea na bɔ me ho ban na gye me nkwa.
3Woyɛ me guankɔbea ne me hwɛfo.
Kyerɛ me kwan na di mʼanim sɛnea woahyɛ me bɔ no.
4Gye me fi firi a wɔasum me no mu.
Bɔ me ho ban fi amane mu.
5Mede me ho hyɛ wo hwɛ pa ase.
Wubegye me nkwa,
Awurade, woyɛ ɔnokwafo Nyankopɔn.
6Wukyi wɔn a wɔsom anyamehunu, enti mede me ho to wo so.
7Mʼani begye na madi ahurusi esiane wo dɔ a wodɔ me daa nti.
Wuhuu mʼamanehunu; wunim me haw.
8Woamma mʼatamfo ankyere me; woama mitumi kɔ baabiara a mepɛ.
9Hu me mmɔbɔ,
Awurade, efisɛ, mewɔ ɔhaw mu; masu ama mʼani yɛ me yaw; mabrɛ dodo.
10Awerɛhow ama mahaw, na osu atew me nkwa nna so.
Me haw ama mayɛ mmerɛw, na me nnompe mpo akisa.
11Mʼatamfo nyinaa ne mʼafɛfo titiriw bɔ me ahohora; nnipa a wonim me suro me.
Sɛ wohu me wɔ kwan so a, woguan.
12Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu.
Mete sɛ biribi a wɔatow akyene.
13Mete sɛ atamfo ka asomsɛm; ahunahuna atwa me ho ahyia.
Wɔrepam me tiri so apɛ me akum me.
14Nanso mede me ho ato wo so,
O Awurade; woyɛ me Nyankopɔn.
15Daa mehyɛ wo hwɛ ase.
Gye me fi mʼatamfo ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
16Fa ayamye hwɛ wo somfo.
Gye me nkwa wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu.
17Mefrɛ wo se,
Awurade, mma mʼanim nngu ase.
Mmom ma nnebɔneyɛfo anim ngu ase; ma wɔnkɔ asaman komm.
18Bɔ atorofo ne ahantanfo ne wɔn a wɔka nsɛm tia atreneefo ano.
19Nnepa a woakora ama wɔn a wɔhyɛ wo anuonyam no yɛ nwonwa.
Obiara nim sɛ wo ye, na wobɔ wɔn a wɔde wɔn ho to wo so ho ban.
20Wode wɔn sie wʼanim dwoodwoo fi nnipa nsusuw bɔne ho.
Woka wɔn hyɛ wo nwini ase yi wɔn fi atamfo kasatia mu.
21Kamfo Awurade!
Sɛ ɛba sɛ wɔatwa me ho ahyia aba me so no, ne dɔ a oyi no adi kyerɛ me no yɛ nwonwa.
22Misuroe, na misusuwii sɛ wapam me afi nʼanim.
Nanso bere a misu frɛɛ no se ɔmmɛboa me no, ɔtee me su.
23Mo a mugye Awurade di no nyinaa monnɔ no.
Awurade bɔ nea ogye no di no ho ban, na ɔtwe ahantanfo aso sɛnea ɛfata wɔn.
24Mo a mowɔ anidaso wɔ Awurade mu no, monyɛ den.
Mo bo nyɛ duru.
Copyright information for TwiNAK